Psalms 97


1 Awurade di hene, ma asase ani nnye;
ma akyirikyiri mpoano ahorow no nsɛpɛw wɔn ho.


2 Omununkum ne sum kabii atwa no ho ahyia;
trenee ne atɛntrenee yɛ nʼahengua no fapem.

3 Ogya di nʼanim
na ɛhyew nʼatamfo wɔ afanan nyinaa.

4 Nʼanyinam hyerɛn wiase;
asase hu na ne ho popo.

5 Mmepɔw nan sɛ nku wɔ Awurade anim,
Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.

6 Ɔsoro pae mu ka ne trenee kyerɛ
na aman nyinaa hu nʼanuonyam.


7 Ahonisomfo nyinaa anim agu ase,
wɔn a wɔde abosomhuhuw hoahoa wɔn ho no,
anyame nyinaa monsɔre no.


8 Sion te, na ne ho sɛpɛw no
na Yuda nkuraa ani gye
Awurade, esiane wʼatɛntrenee nti.

9 Wo, Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa;
wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.


10 Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyi bɔne,
ɔbɔ ne nkurɔfo a wɔyɛ nokwafo no ho ban
na ogye wɔn fi amumɔyɛfo nsam.

11 Hann hyerɛn wɔ atreneefo so
na anigye ba wɔn a wɔn koma mu tew no so.

12 Momma mo ani nnye Awurade mu, mo a moyɛ atreneefo,
na monkamfo ne din kronkron no.
Copyright information for TwiAKNA